Psalms 100

Ayeyi dwom

1Monto dwom mma Awurade, wiase nyinaa!
2Momfa ahosɛpɛw nsom Awurade; momfa ahotɔ nnwom mmra nʼanim.
3Mommma mo werɛ mmfi da sɛ Awurade yɛ Onyankopɔn.
Ɔno na ɔbɔɔ yɛn na yɛyɛ ne de; yɛyɛ ne nkurɔfo; yɛyɛ ne nguan.
4Momfa aseda nkɔ asɔrefi no pon mu.
Momfa nkamfo nkɔ nʼadiwo hɔ.
Da no ase, na kamfo no.
5 Awurade ye; ne dɔ tim hɔ daa na ne nokware nso wɔ hɔ daa nyinaa.
Copyright information for TwiNAK